11 Nso berɛ a nnipadɔm he huiɛ he, bedii n’akyi. Na ɔgyee bɛ fɛ so firii aseɛ kaa Nyankopɔn ahennie he ho asɛm kyerɛɛ bɛ, na ɔsaa bɛ a bɛyare he yadeɛ.
Hohwɛ a bɛ mmienu mu hwane ne yɔɔ ne papa he apɛdeɛ?” Bebuaa sɛ, “Deɛ odi kane he a.” Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, togyefoɔ ne adwamammɔfoɔ oodi ho anim kane Nyankopɔn ahennie mu,
Ɔkaa sɛ, “Ho ne bɛde ama ho sɛ honte Nyankopɔn ahennie ho ahintasɛm he ase, na bɛ a bɛ aka he deɛ, bɛde mfantoho ne ka ho asɛm kyerɛ bɛ, na nti bɛbɛhwɛ deɛ, nso bɛbɛhwɛ no kwa, na bɛbɛte deɛ, nso bɛnte aseɛ.
Afei na adeɛ ɔɔsa. Na dummienu he ba bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Gya nnipadɔm yi kwane na ama bɛatumi akɔ nkuraa-nkuraa a atwa ahyia he ase akɔpɛ daberɛ ne nnoɔma a behia, efiri sɛ baabi a yɛya yi mmɛne fie.”
Nso ɔbɛyɛ dɛ na bi atumi abɔ nea ɔnnye no nni dini? Na ɔbɛyɛ dɛ na bi agye nea ɔntee ne ho asɛm adi? Na sɛ bi anka Awurade ho asɛm ankyerɛ bɛ a bɛbɛyɛdɛ ate?