56 Na n’awofoɔ he ho dwirii bɛ; nso ɔhyɛɛ bɛ sɛ bɛnka nea asi he nkyerɛ biaa.
Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ na woanka ankyerɛ nipa biaa; afei kɔ, fa wo ho kɔkyerɛ sɔfo, na bɔ afɔdeɛ a Mose hyɛeɛ he, na ɔnyɛ adansedie mma bɛ.”
Na bɛ ani biebieɛ. Afei Yesu bɔɔ bɛ kɔkɔ dendenndene sɛ, “Honhwɛ na biaa ante yei.”
Afei ɔhyɛɛ beema he sɛ ɔnnka nkyerɛ biaa. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ sɔfo, na bɔ w’ahofire ho afɔdeɛ sɛnea Mose hyɛeɛ he, na ɔnyɛ adanseɛ mma bɛ.”
Na abaayaa he honhom sane baeɛ, na ɔsɔree ntɛmaa, na ɔhyɛɛ sɛ bɛmma no bibi nni.