51 Berɛ a Yesu duruu fie hɔ he, wamma biaa ne no ankɔ mu gye Petro ne Yohane ne Yakobo ne abaayaa he papa ne ne maame nkoaa.
Ɔfaa Petro ne Yakubu ne Yohane kaa ne ho, na ɔhyɛɛ aseɛ teeteeɛ na odii awerɛhoɔ.
Bɛne Simon, a ɔsane frɛɛ no Petro, ne ne nua Andreo, ne Yakobo ne Yohane, ne Filipo ne Bartolomeo,
Berɛ a Yesu teeɛ he, obuaa no sɛ, “Nsuro, wo deɛ, gyidie nkoaa ne hia, na obenya nkwa.”
Nso na nkurofoɔ oosu twa agyaadwoɔ. Nti ɔkaa sɛ, “Honnyae su, onwuiɛ na mmom waada.”
Na afei, nsɛm yi akyi bɛyɛ nnanwɔtwe he, Yesu faa Petro ne Yohane ne Yakobo kaa ne ho foro kɔɔ bepɔ so kɔbɔɔ mpaeɛ.
Na Petro maa biaa pie kɔɔ abɔntene, na obuu nkotodwe bɔɔ mpaeɛ, na ɔdanee ne ho hwɛɛ amu he kaa sɛ, “Tabita, sɔre!” Obiee n’ani, na n’ani bɔɔ Petro so he, ɔsɔre tenaa ase.