Hyiadane he mu panyini ani bereeɛ sɛ Yesu asa yadeɛ homeda he. Nti ɔka kyerɛɛ nnipakuo he sɛ, “Nnansia ne ɔsɛ sɛ bɛde yɔ adwuma, ɔno mu ne ɔsɛ sɛ ho ba na bɛsa ho yadeɛ, na ɔnyɛ homeda ne ɔsɛ sɛ ho ba.”
Bɛkenkanee mmara ne adiyifoɔ he badwam wieeɛ he, hyiadane mu mpanyimfoɔ he somaa nnipa kɔɔ bɛ nkyɛne sɛ, “Anuanom, sɛ howɔ nkuranhyɛsɛm bi ma nnipa yi a, honka.”
Na afei na hɔ bɛne Yopa nti, berɛ a asuafoɔ he tee sɛ Petro ya saa kuro he mu he, bɛsomaa mmeema mmienu kɔɔ ne nkyɛne kɔsrɛɛ no sɛ, “Yɛsrɛ wo ntwentwɛne wo nane ase sɛ wobɛba yɛ nkyɛne.”
Ɔyɔɔ saa he, ateasefoɔ nnan he ne mpanyimfoɔ aduonu nnan he butubutuu adwamaa he anim. Na bɛ mu biaa kita sankuo ne sika ayowa a aduhwam, a ɔyɛ ahoteefoɔ mpaebɔ, ahyɛ no ma.