Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Luka 8:31 - Apam Foforɔ

31 Na bɛsrɛɛ no sɛ ɔnnhyɛ bɛ mmma bemfiri ne mu nkɔ bunu he mu.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Luka 8:31
14 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na ɔbɛka akyerɛ bɛ a bɛya ne nsa benkum so he sɛ, ‘Ho a bɛadome ho, homfiri me so nkɔ daa gya a bɛasiesie ama Bronsam ne n’abɔfoɔ he mu;


Ohuu Yesu he, ɔteaam dendenndene hwee n’anim de nne kɛseɛ kaa sɛ. “Ɛɛne ne me ne wo wɔ yɔ, Yesu, Sorosoroni Nyankopɔn he Ba? Mesrɛ wo, nha me!”


Na mprako pii oodidi bepɔ he so; nti bɛsrɛɛ no sɛ ɔmma bɛ kwane ma bɛnkɔhyɛ bɛ mu. Na ɔmaa bɛ kwane.


anaa “Hwane besiane akɔ bunum” (ɔne sɛ ɔde Kristo befiri awufoɔ mu aba).


Na sɛ bɛka bɛ asɛm he wie a, aboa a obefiri amena donkodonko he mu apie he ne bɛ bɛko. Obedi bɛ so aku bɛ.


Aboa a wohuu no he, na ɔte ase nso ɔnte ase bio. Oobefiri amena donkodonko he mu aba ama bɛasɛe no. Nnipa a bɛte asaase so a bɛantwerɛ bɛ dini angu ateasefoɔ nwoma he mu ansa na bɛɛbɔ wiase he, sɛ wohu aboa he a, ɔbɛyɛ bɛ nwanwa, efiri sɛ mmerɛ bi na ɔte asɛ, nso seesei deɛ, ɔnte ase na ɔbɛsane aba.


Bɛkyee aboa he ne ne diyifoɔ torɔfoɔ a ɔyɔɔ anwanwadeɛ n’anim he de no too afiase. Saa anwanwadeɛ he so ne ɔnam daadaa bɛ a bɛde aboa he ahyɛ bɛ agyinaeɛ ne bɛ a bɛsom aboa he honyini he. Bɛtoo aboa he ne diyifoɔ torɔfoɔ he anikann guu gya tadeɛ a sɔfe ɔɔdɛre mu he mu.


Bɛwɔ hene a odi bɛ so a ɔno ne bɔfoɔ a ɔhwɛ amena donkodonko he so. Ne dini ya Hebri kasa mu ne Abadon; na Hela kasa mu nso ɔde Apolion (a n’asekyerɛ ne “Sɛefoɔ”).


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ