22 Da koro bi, Yesu ne n’asuafoɔ he kɔtenaa kodoɔ bi mu, na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ. “Homma yentwa nkɔ tadeɛ he agya nohoa.” Nti besiim kɔeɛ.
Amonom hɔaa Yesu maa asuafoɔ he kɔɔ kodoɔ he mu sɛ bentwa nni n’anim kane nkɔ asuogya nohoa, na onnya nnipadɔm he kwane.
Afei Yesu huu nnipadɔm pii sɛ bɛatwa ne ho ahyia he, ɔhyɛɛ sɛ bentwa nkɔ fa nohoaa.
Na afei berɛ a Yesu tware po he bio sane ba n’agya he, nnipadɔm kɛseɛ twaa ne ho hyiaeɛ, na ɔya po he ho.
Amonom hɔaa, ɔmaa n’asuafoɔ he tenaa kodoɔ he mu dii kane kɔɔ Betsaida fam hɔ baabi ya asuogya, na ɔmaa nkurofoɔ he kɔeɛ.
Na ogyaa bɛ hɔ, na ɔtenaa kodoɔ he mu bio, tware kɔɔ nsuo he agya.
Berɛ bi, ɔbaa sɛ na nnipakuo he akyere Yesu so a na beetie Nyankopɔn asɛm. Na ogyina Genesaret tadeɛ he ho.
Na bɛya nsuo he so he, ɔdaeɛ. Afei mframa kɛseɛ bi bɔ baa tadeɛ he so, na nsuo he firii aseɛ bu faa bɛ so a na ayɛ hu ama bɛ.
Nti honhommɔne he firii beema he mu kɔhyɛɛ mprako he mu, na mprako he bɔɔ twi firii bepɔ he so koguu tadeɛ he mu wuwuiɛ.
Yeinom akyi he, Yesu kɔɔ Galilea po, nea bɛsane frɛ no Tiberia po, he agya.
Yɛkɔtenaa Adramitio hyɛne bi a na ɔɔkɔ Asia fam he mu. Na Makedoniani Aristarko a ofiri Tesalonika he ka yɛ ho.