Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Luka 8:18 - Apam Foforɔ

18 Nti, honhwɛ yie sɛnea hote asɛm he fa; na biaa a ɔwɔ he, bɛbɛma no pii, na nea onni he deɛ, nea osusuu sɛ ɔwɔ he mpo, bɛbɛgye afiri ne nsam.”

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Luka 8:18
25 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na bɛ a bɛwɔ ahennie he ho nteaseɛ he, bɛde nteaseɛ bebree bɛka bɛ ho ama bɛanya no mmorosoɔ, na bɛ a benni bi he, nteaseɛ ketewa bi a bɛwɔ he mpo befiri bɛ nsa.’


Na bɛ a bɛanya bi aka nea bɛde ama bɛ ho he, bɛde bebree bɛka bɛ ho, na bɛanya ama no abu so; na bɛ a bɛanya hwee anka nea bɛde ama bɛ ho he deɛ, kakra a bɛwɔ he mpo, bɛbɛgye afiri bɛ nsam.


“Nso berɛ a hobehu sɛ bɛde akyiwadeɛ a ɔma mane da mpan he asi baabi a ɔnsɛ sɛ osi he (ma nea ɔɔkenkane he nte aseɛ), hedeɛ ma bɛ a bɛya Yudea nwane nkɔ mmepɔ so;


‘Meeka akyerɛ ho sɛ, biaa a ɔwɔ bi he, bɛbɛma no bi aka ho; na nea wannya bi anka ne deɛ ho he, ketewa a ɔwɔ he mpo bɛbɛgye afiri ne nsam:


“Honwɛne ho aso ntie saa nsɛm yi, na otwa sɛ beyi Nipa Ba he hyɛ adasamma nsa.”


Mmane biaa ɔnso aba he, oyi firi ho; na nea ɔsõ aba he oyiyi ho ma ne so bebree.


Nti ntɛmaa na mesoma ma bɛbaa wo nkyɛne, na woabɔ mmɔdene sɛ woaba. Yei nti yɛ nyinaa ahyiam Nyankopɔn anim saa bere yi sɛ yeebetie nea Awurade ahyɛ wo sɛ ka nyinaa.”


Na yeinom gyee asɛm he sene bɛ a bɛya Tesalonika he, efiri sɛ bɛde bɛ adwene nyinaa gyee asɛm he, na da biaa na bɛhwehwɛ twerɛsɛm he mu yie hwɛ sɛ nsɛm he te saa anaa.


Na menam adom a bɛde ama me he so, meeka akyerɛ ho sɛ, ho mu biaa mmu ne ho ntra sɛnea ɔsɛ sɛ obu ne ho, na mmom, biaa nya anidahɔ adwene, sɛnea Nyankopɔn asusu gyidie ama ho he.


Sɛ bi ka sɛ ɔyɛ diyifoɔ, anaa ɔwɔ honhom mu tumi a, ɔsɛ sɛ ohu sɛ deɛ meetwerɛ ama ho yi yɛ ahyɛdeɛ firi Nyankopɔn hɔ.


Biaa nnnaadaa ne ho. Sɛ bi susu sɛ ɔyɛ nyansafoɔ wiase yi mu a, ɔnyɛ sɛ kwasea na wayɛ nyansafoɔ ampa,


Na sɛ ɔyɛ bi sɛ onim bibi a, onnya nhuu sɛnea ɔsɛ sɛ ohu;


Ɔyam sɛ mankasa nso mewɔ bibi a metumi de me ho ato so honam mu. Sɛ nipa foforɔ bi wɔ bibi de ne ho to so honam mu a, mewɔ bi kyɛne no:


Yei nti, ɔsɛ sɛ yɛsɔ nnoɔma a yɛate he mu dene paa, na yɛamfiri ho da.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ