14 Na nea oguu nkasɛe mu he ne bɛ a bɛte asɛm he, nso asetena yi mu dadwene ne ahonya ne anigyeɛ twetwe bɛ, na emia bɛ koraa ma nti sɛ bɛso aba mpo a aba he nyini nwie.
Akoa biaa nni hɔ a obetumi asom awuranom mmienu; efiri sɛ obebu baako animtia na ɔde anidie ama baako, anaa ɔbɛbata baako ho na watwe ne ho afiri baako ho. Hontumi nsom Nyankopɔn ne ahonyadeɛ.”
Nea oguu abotane so he gyna hɔ ma bɛ a bɛte asɛm he a bɛde anigye gye, nso yeinom nni nhini; bɛgyidi berɛ tiaa bi mu, nso oduru sɔhwɛ berɛ a, na bɛawae.
Nnipa a bɛanya bɛ ho wiase yi mu he, hyɛ bɛ sɛ mma bɛnnwene akokurokosɛm, saa nso ne bɛmmfa bɛ ho nto ahonyadeɛ a onni hɔ daa so, na mmom bɛmfa bɛ ho nto Nyankopɔn a ɔma yɛ nea yɛpɛ nyinaa ma ɔdɔɔso he so.
Nti afei, homma yɛmfa Kristo ho mfitiasesɛm he nto nkyɛne, na yɛmpere nkɔ nkyerɛkyerɛ a ɔfata bɛ a bɛ anyini Kristo mu he, na yɛansane anto fapem a ɔfa yeinom ho bio: nnwuma funu ho adwensakra ne Nyankopɔn mu gyidie,