13 Nea oguu abotane so he gyna hɔ ma bɛ a bɛte asɛm he a bɛde anigye gye, nso yeinom nni nhini; bɛgyidi berɛ tiaa bi mu, nso oduru sɔhwɛ berɛ a, na bɛawae.
efiri sɛ, na Herode suro Yohane, esiane sɛ onim sɛ ɔyɛ teneneeni ne kronkronni, nti ɔbɔɔ ne ho bane. Sɛ otie no a, na waayɛ basaa nso na ɔpɛ sɛ otie no.
Na nea oguu nkasɛe mu he ne bɛ a bɛte asɛm he, nso asetena yi mu dadwene ne ahonya ne anigyeɛ twetwe bɛ, na emia bɛ koraa ma nti sɛ bɛso aba mpo a aba he nyini nwie.
nso gye sɛ hokɔ soaa tena gyidie he mu, na hogyina ho fapem he so pintinn a homma bɛntwe ho mfiri asɛmpa he anidasoɔ a hoteeɛ a bɛaka no wiase abɔdeɛ nyinaa mu, a me Paulo mayɛ ho somfoɔ he ho.
Na sɛ nipa sua yɛ Awurade ne yɛ Agyenkwa Yesu Kristo ho nsɛm, na ɔnam so dwane firi wiase yi mu akwammɔne so, na akyire yi ɔkɔ bɔne mu bio ma ɔdane bɔne akoa a, hedeɛ na tebea a ɔyam seesei he aseɛ koraa sene kane deɛ he.
Yeinom yɛ ho dɔ adidie mu nkekaeɛ, bɛne ho bom oodidi, bɛmfɛre adeɛ, bɛyɛne bɛ ho; bɛte sɛ mununkum a nsuo nni mu a mframa twetwe kyinkyini, anaa nnua a so nhahane apere a onni aba, na awu mprenu a ne nhini atutu.