8 efiri sɛ me nso mehyɛ bi ase, na mewɔ asraafoɔ nso hyɛ m’ase, na meka kyerɛ bɛ mu bi sɛ, ‘Kɔ ha a!’ Ɔkɔ. Na meka kyerɛ foforɔ nso sɛ ‘Bra a!’ Ɔba. Na meka kyerɛ m’akoa sɛ, ‘Yɔ yei a!’ Ɔyɔ.”
Berɛ a Yesu tee yei he, ne ho dwirii no, na ɔdanee n’ani kyerɛɛ nnipakuo a bedi n’akyi he kaa sɛ. “Meeka akyerɛ ho sɛ, menhuu gyidie a ɔsõ sei Israel mu mpo.”
Afei ɔfrɛɛ asraafoɔ ha so mpanyimfoɔ he mu mmienu bi kaa sɛ, “Honsiesie asraafoɔ ahaanu, apɔnkɔsotefoɔ aduɔson, ne peakurafoɔ ahanu, anadwo nnɔnkron berɛ mu nkɔ Kaesarea.
Nso mennim asɛm a mentwerɛ mfa ne ho nkɔma yɛ Wura. Nti mede no baa ho anim, titire wo Hene Agrippa, na sɛ wohwehwɛ asɛm he mu wie a, manya bibi atwerɛ,
Nkoa, honyɔ setie mma ho asaase so wuranom adeɛ nyinaa mu, ɔnyɛ anisoɔ som mu sɛ bɛ a bɛpɛ sɛ bɛsɔ nnipa ani, na mmom akoma pa mu a ɔkyerɛ sɛ hosuro Awurade.