6 Nti Yesu ne bɛ siim kɔeɛ. Nso ɔɔyɛ aduru fie hɔ he, na sraani panyini he asoma ne nnamfoɔ dada sɛ bɛmmɛka nkyerɛ no sɛ, “Owura, nha wo ho, na memfata sɛ wobɛba me fie.
“Me deɛ mede nsuo ne bɔ asu kɔ adwensakram, na deɛ odi m’akyi ɔɔba he deɛ ɔkorɔn kyɛne me, na mensɛ mfata sɛ mekita ne mpaboa mpo. Ɔno ne nea ɔde Honhom Kronkron ne gya bɛbɔ ho asu.
Yesu Nasareni he, Nyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi hyɛɛ no ma, na okyinikyinii asaase he so yɔɔ papa, na ɔsaa bɛ a Bronsam hyɛ bɛ so nyinaa yadeɛ, efiri sɛ na Nyankopɔn ka ne ho.