50 Na ɔka kyerɛɛ baa he sɛ, “Wo gyidie agye wo; fa asomdwie kɔ.”
Yesu danee ne ho, na ohuu no he, ɔkaa sɛ, “Babaa, ma w’akoma ntɔ wo yam, wo gyidie agye wo.” Na amonom hɔaa baa he nyaa ayaresa.
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ, wo gyidie asa wo yadeɛ.” Amonom hɔaa, ohuu adeɛ, na odii n’akyi kwane he so.
Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ba baa, wo gyidie asa wo yadeɛ, fa asomdwie kɔ, na wo yadeɛ he nkɔ.”
Afei ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Sɔre kɔ; wo gyidie agye wo.”
Nti Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Hu adeɛ; wo gyidie agye wo.”
Berɛ a Yesu tee yei he, ne ho dwirii no, na ɔdanee n’ani kyerɛɛ nnipakuo a bedi n’akyi he kaa sɛ. “Meeka akyerɛ ho sɛ, menhuu gyidie a ɔsõ sei Israel mu mpo.”
Nti, honhwɛ yie sɛnea hote asɛm he fa; na biaa a ɔwɔ he, bɛbɛma no pii, na nea onni he deɛ, nea osusuu sɛ ɔwɔ he mpo, bɛbɛgye afiri ne nsam.”
efiri sɛ na ɔwɔ babaa korɔ pɛ a wadi bɛyɛ mfie dummienu a ɔda awusu. Berɛ a ɔɔkɔ he, nnipadɔm he kyere ne so.
Na ɔka kyerɛɛ no sɛ. “Babaa, wo gyidie agye wo nkwa; fa asomdwie kɔ.”