Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Luka 7:16 - Apam Foforɔ

16 Afei hu kaa bɛ nyinaa, na befirii aseɛ hyɛɛ Nyankopɔn animuonyam sɛ, “Bɛama diyifoɔ kɛseɛ bi so ya yɛ mu,” na “Nyankopɔn ama n’ani aba ne nkurofoɔ so!”

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Luka 7:16
31 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

na ɔyɛɛ nnipadɔm he nwanwa berɛ a behuu nea na ɔyɛ mmum he sɛ ɔɔkasa, bɛ a na bɛyɛ mpakye ne mmubuafoɔ sɛ bɛnnante, na nea na ɔyɛ anifirani he huu sɛ afie deɛ ohu adeɛ. Na bɛhyɛɛ Israel Nyankopɔn he animuonyam.


Nnipadɔm he kaa sɛ, “Yei ne Yesu, diyifoɔ a ofiri Nasaret a ɔya Galilea he.”


Nti befirii damena he so ntɛmaa de suro ne anigye kɛseɛ tutuu mmirika sɛ bɛɛkɔka akyerɛ n’asuafoɔ he.


Berɛ a nnipadɔm he huu yei he, bɛ ho dwirii bɛ, na bɛhyɛɛ Nyankopɔn a ɔde tumi a ɔte sei ama nnipa he animuonyam.


Hu kaa bɛ a bɛte mpɔtamu hɔ nyinaa; na befirii aseɛ kaa yeinom nyinaa ho asɛm Yudea nkuro a ɔdeda mmepɔ so he nyinaa mu,


“Nhyira nka Awurade, Israel Nyankopɔn, sɛ wama n’ani aba ne nkurofoɔ so na wagye bɛ.


Na bɛde wo ne wo mma a bɛya wo mu bɛhwehwe fam, na bennya boɔ mma ɔnka boɔ so wo mu, efiri sɛ woanhu berɛ a bɛbɛhwɛɛ wo he.”


Na nnwanhwɛfoɔ he sane kɔeɛ, na ɔnam sɛ nea abɔfoɔ he ka kyerɛɛ bɛ he, bɛkɔteeɛ na behuiɛ nti, bɛɛhyɛ Nyankopɔn animuonyam na beeyi no ayɛ.


Na obisaa bɛ sɛ, “Mmɛ asɛm ne asi?” Bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Nea ɔfa Nasareni Yesu, a ɔyɛ diyifoɔ a ɔwɔ tumi, nnwuma ne kasa mu, Nyankopɔn ne mane he nyinaa anim he ho he,


Afei ɔyɛɛ bɛ mu biaa nwanwa, na befirii aseɛ hyɛɛ Nyankopɔn animuonyam, na hu kaa bɛ ma bɛkaa sɛ, “Nnɛ deɛ, yɛahu anwanwadeɛ!”


Berɛ a Simon Petro huu yei he, ɔkotoo Yesu nane ase kaa sɛ, “Awurade, firi me nkyɛne kɔ, na meyɛ debɔneyɛni!”


Na abeemaa a wawu he sɔre tenaa ase, na ofirii aseɛ kasaeɛ, na ɔde no maa ne maame.


Na Farisini a ɔtoo nsa frɛɛ no he huiɛ he, ɔkaa no ne tim sɛ, “Sɛ beema yi yɛ diyifoɔ a, nka obehu onii ne baa ko a ɔde ne nsa ɔɔka no he sɛ ɔyɛ debɔneyɛni.”


Nti nnipadɔm a befiri Gerasefoɔ nsaase a atwa hɔ ahyia he nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ omfiri bɛ nkyɛne nkɔ, efiri sɛ na hu kɛseɛ aka bɛ. Afei ɔtenaa kodoɔ he mu siim sɛ ɔɔkɔ.


Bebuaa sɛ, “Binom dɛ woyɛ Yohane Suboni; na binom dɛ woyɛ Elia, na binom nso dɛ woyɛ tete adiyifoɔ he mu baako a wasɔre.”


Na bebisaa no sɛ, “Wone Elia anaa?” Na ɔkaa sɛ, “Daabi, menyɛ Elia.” “Wone diyifoɔ he?” Obuaa sɛ, “Daabi.”


Na bebisaa no sɛ, “Mmɛ nti ne wonyɛ Kristo he, Elia anaa diyifoɔ he, nso wobɔ asu yi?”


Na baa he ka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, afei maahu sɛ woyɛ diyifoɔ.


Afei nnipa he huu nsɛnkyerɛnne a Yesu yɔeɛ he, bɛkaa sɛ, “Nɔkwasɛm, diyifoɔ a ɔɔba wiase he di.”


Nti bɛsane bisaa nea na ɔyɛ nifirani he sɛ, “Wone wabie w’ani, na wo nso mmɛ ne wowɔ ka fa ne ho?” Ɔkaa sɛ, “Ɔyɛ diyifoɔ.”


Anania tee asɛm he, ɔhwee ase wuiɛ. Na hu kɛseɛ bɔɔ bɛ a bɛteeɛ he nyinaa.


Saa Mose yi ne ka kyerɛɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Nyankopɔn beyi diyifoɔ bi a ɔte sɛ me afiri ho nuanom mu ama ho.’


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ