10 Na bɛ a bɛasoma bɛ he sane bɛ akyi kɔɔ fie he, bekohuu akoa he sɛ ne ho ayɛ no dene.
Na Yesu buaa no sɛ, “Baa, wo gyidie so! Ɔnyɔ hɔ mma wo sɛ deɛ wopɛ.” Amonom hɔaa ne ba he nyaa ayaresa.
Na Yesu ka kyerɛɛ asraafoɔ ha so panyini he sɛ, “Kɔ; ɔnyɔ hɔ ma wo sɛdeɛ wo gyidie teɛ.” Na akoa he ho tɔɔ no saa dɔnhwere heaa mu.
Yesu buaa no sɛ, “Mmɛ nti ne wooka sɛ: Sɛ wobetumi a! Te aseɛ sɛ bibiaa betumi ayɛ hɔ ama nea ɔgye di.”
Ankyɛre biaa ne Yesu tuu kwane kɔɔ kuro bi a bɛfrɛ no Nain mu, na n’asuafoɔ he ne nnipadɔm pii ka ne ho.
Berɛ a Yesu tee yei he, ne ho dwirii no, na ɔdanee n’ani kyerɛɛ nnipakuo a bedi n’akyi he kaa sɛ. “Meeka akyerɛ ho sɛ, menhuu gyidie a ɔsõ sei Israel mu mpo.”