Hyiadane he mu panyini ani bereeɛ sɛ Yesu asa yadeɛ homeda he. Nti ɔka kyerɛɛ nnipakuo he sɛ, “Nnansia ne ɔsɛ sɛ bɛde yɔ adwuma, ɔno mu ne ɔsɛ sɛ ho ba na bɛsa ho yadeɛ, na ɔnyɛ homeda ne ɔsɛ sɛ ho ba.”
Na bɛhwɛɛ no dinn he, bɛbɔɔ nnipa bi paa kokoam sɛ bɛnyɔ bɛ ho sɛ bɛyɛ anɔkwafoɔ, na ama bɛafa nsɛm a ɔkaeɛ he so anya no, na bɛde no ahyɛ abane ne amrado nsa.
Na Farisifoɔ he mu bi kaa sɛ, “Nipa yi mfiri Nyankopɔn nkyɛne, efiri sɛ onni homeda.” Nso binom bisaa sɛ, “Ɔbɛyɛ dɛ na nipa debɔneyɛni atumi ayɔ nsɛnkyerɛnne a ɔte sɛ yi?” Afei mpaepaemu baa bɛ mu.