Berɛ a ogu so ɔɔkasa he, amonom hɔaa mununkum bi a ɔhyerɛn bɛkataa bɛ so, na nne bi firi mununkum he mu kaa sɛ, “Yei ne me Ba, deɛ medɔ no he; ɔno ne sɔ m’ani; hontie no!”
“Sɛ bi ba me nkyɛne na w’annɔ me asene ne papa ne ne maame ne ne yerɛ ne ne mma ne ne nuammeemanom ne ne nuammaanom ne n’ankasa mpo kra a, ontumi nyɛ me suani.
Ɔte sɛ beema bi a oosi dane, a otutuu fam kɔɔ akyire na ɔtoo fapem botane so. Nti, berɛ a nsuo hyiriiɛ he, ɔbɛbɔɔ dane he, nso antumi anwoso no, efiri sɛ besii no yie.
Nea oguu abotane so he gyna hɔ ma bɛ a bɛte asɛm he a bɛde anigye gye, nso yeinom nni nhini; bɛgyidi berɛ tiaa bi mu, nso oduru sɔhwɛ berɛ a, na bɛawae.
Yudafoɔ he ka kyerɛɛ no sɛ, “Afei deɛ yɛahu sɛ wowɔ honhommɔne. Abraham wuiɛ, na adiyifoɔ he nso wuiɛ. Nso wo dɛ, ‘Biaa a obedi me nsɛm so he, onwu da.’