Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Luka 6:27 - Apam Foforɔ

27 “Nso meeka akyerɛ ho a hootie yi sɛ, honkɔ so nnɔ ho atamfoɔ, na honyɔ bɛ a bɛtane ho he papa,

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Luka 6:27
22 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honhwɛ nea hote yie, sɛnea wobesusu de ama he, saa ne wobenya, na mpo bɛde bi bɛka ho ama wo.


Na Yesu kaa sɛ, “Agya fa kyɛ bɛ efiri sɛ bennim nea bɛɛyɔ.” Bio nso, bɛtwee ntonto kyɛɛ ne ntaadeɛ faeɛ.


“Nhyira ne ho sɛ nnipa tane ho, na beyi ho firi nnipa mu, na bɛbɔ ho ahohora, na Nipa Ba he nti, bɛmmɔ ho dini nka asɛm te sɛnea ho dini yɛ akyiwadeɛ.


Mmom, honnɔ ho atamfoɔ na honyɔ bɛ papa na homma afoforɔ bosea a ho ani nna so sɛ hobenya bibi akyire yi; na ho akatua bɛyɛ kɛseɛ, na hobɛyɛ Sorosoroni he mma, efiri sɛ ne yam yɛ ma boniayɛfoɔ ne abɔnefoɔ.


Nea oguu asaase pa mu he, yɛ bɛ a bɛde akoma pa tie asɛm he wie a, bekura mu na bɛde boasetɔ so aba.


Nti, honhwɛ yie sɛnea hote asɛm he fa; na biaa a ɔwɔ he, bɛbɛma no pii, na nea onni he deɛ, nea osusuu sɛ ɔwɔ he mpo, bɛbɛgye afiri ne nsam.”


Bi nso guu asaase pa mu, na ofifiri soo aba mmɔho ha.” Berɛ a ɔkaa yeinom he, ɔmaa ne nne so kaa sɛ, “Ma nea ɔwɔ aso a ɔde betie he ntie.”


Yesu Nasareni he, Nyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi hyɛɛ no ma, na okyinikyinii asaase he so yɔɔ papa, na ɔsaa bɛ a Bronsam hyɛ bɛ so nyinaa yadeɛ, efiri sɛ na Nyankopɔn ka ne ho.


Na Paulo de nne kɛseɛ teaam sɛ, “Nyɔ wo ho bɔne biaa, na yɛ nyinaa yɛya ha!”


Afei, obuu nkotodwe de nne kɛseɛ teaam sɛ, “Awurade, mmu bɔne yi ntia bɛ.” Na ɔkaa saa he ogyaam.


Ne saa nti, akwannya biaa a yebenya he, homma yɛnyɔ nnipa nyinaa papa, ne titire bɛ a bɛka agyidifoɔ abusua ho he.


Honhwɛ sɛ ho mu biaa ɔmfa bɔne ntua bɔne ka, na honhwɛ sɛ hobɛhwɛ afoforɔ yiedie berɛ biaa.


Me dɔfo, nhwɛ bɔne nsua, na mmom hwɛ papa sua. Biaa a ɔyɛ papa he yɛ Nyankopɔn deɛ. Na biaa a ɔyɛ bɔne he nso nhuu Nyankopɔn.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ