Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Luka 6:23 - Apam Foforɔ

23 Homma ho ani nnye na honni ahurusie saa da he, na hwɛ! Howɔ akatua ya soro, efiri sɛ saa adekoro yiaa ne bɛ agyanom de yɔɔ adiyifoɔ he.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Luka 6:23
45 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Homma ho ani nnye, efiri sɛ howɔ akatua kɛseɛ ya soro, na saa ne bɛtane adiyifoɔ a bedii ho anim kane he.


Na Elisabet tee Maria nkyea heaa pɛ, akokoa a ɔhyɛ ne yafunu mu he huruiɛ; na Honhom Kronkron hyɛɛ Elisabet mã,


Hwɛ! Wo nkyea twaa m’asomaa pɛ ne akokoa a ɔya me yam he de anigyeɛ kɛseɛ huruiɛ.


Mmom, honnɔ ho atamfoɔ na honyɔ bɛ papa na homma afoforɔ bosea a ho ani nna so sɛ hobenya bibi akyire yi; na ho akatua bɛyɛ kɛseɛ, na hobɛyɛ Sorosoroni he mma, efiri sɛ ne yam yɛ ma boniayɛfoɔ ne abɔnefoɔ.


ɔteaam kaa sɛ, “sɔre gyina hɔ kyirebenn.” Na beema he huri gyina firii aseɛ nanteɛ.


Ohuri gyinaeɛ, na ofirii aseɛ nanteeɛ, na ɔne bɛ kɔɔ asɔrefie hɔ a na oohurihuri na ooyi Nyankopɔn ayɛ.


Befirii Sanhedrin he anim kɔeɛ, na bɛ ani gyee sɛ Yesu dini nti bɛfata sɛ begu bɛ anim ase.


Na ɔnyɛ yei nkoaa, na mmom yɛhoahoa yɛ ho ya yɛ amanehunu mu, yenim sɛ amanehunu de yɔkoduru ba,


Nti m’ani gye mmerɛyɛ mu, atennie mu, ahokyerɛ mu, taa mu, ɔne amaneɛ mu Kristo nti; efiri sɛ meyɛ mmerɛ honam mu a meyɛ dene honhom mu.


Afei ho nti, m’ani gye m’ahohiahia mu, efiri sɛ, me honam mu amanehunu he da Kristo amanehunu he adi, ɔnam ne nipadua ne asafo he nti.


sɛ yegyina pintinn a, yɛ ne no bedi hene nso; sɛ yɛpo no a ɔno nso bɛpo yɛ;


Obuu amaneɛ a Kristo nti obehu he kyɛnee Misraim ahonyadeɛ, efiri sɛ na ɔɔhwɛ akatua a ɔda n’anim he kwane.


Na sɛ gyidie nni hɔ a, biaa ntumi nsɔ Nyankopɔn ani, efiri sɛ ɔsɛ sɛ deɛ ɔba ne nkyɛne biaa gye di sɛ ɔya hɔ na ɔyɛ bɛ a bɛhwehwɛ n’akyi kwane he katuafoɔ.


Me nuanom, sɛ hohyia sɔhwɛ ahodoɔ biaa a, hommu no anigyeɛ,


Na mmom, homma ho ani nnye sɛ ho ne Kristo oohu amane sɛnea ho ani bɛgye na ho adi ahurusie da a n’animuonyam bɛda adi he.


“Ma nea ɔwɔ aso he ntie nea Honhom he ka kyerɛ asafo ahodoɔ he. “Na nea odi nkunim he, mɛma no mana a ahinta he bi. Afei mɛma no boɔ fitaa a bɛatwerɛ dini foforɔ so a biaa nnim, gye nipa a bɛde bɛma no he nko.”


“Deɛ odi nkunim na ɔkɔ so yɔ nea mepɛ kosi awieeɛ he, mɛma no amane so tumi,


Nea ɔwɔ aso he ntie nea Honhom he ka kyerɛ asafo ahodoɔ he. Bɛ a bɛadi nkunim he, mɛma bɛ akwanya na bɛadi nkwa dua a ɔya Nyankopɔn turo he mu aba he.’


Biaa a obedi nkunim he benya yei afiri me nkyɛne. Mɛyɛ ne Nyankopɔn na ɔno nso ayɛ me ba.


Nea obedi nkunim he, mɛma no ayɛ me Nyankopɔn asɔredane he fapem titire, na ommfiri mu bio da. Mɛtwerɛ me Nyankopɔn dini ne me Nyankopɔn kuro dini a ɔyɛ Yerusalem foforɔ a obefiri soro me Nyankopɔn nkyɛne aba he agu ne ho. Bio, mɛtwerɛ me dini foforɔ agu ne ho.


Na deɛ odi nkunim he bɛbɛhyɛ no ataade-fitaa, na mempopa ne dini mfiri nkwa nwoma he mu. Mɛbɔ ne dini ahyɛ no animuonyam m’Agya ne n’abɔfoɔ anim.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ