Saa berɛ he hobesu na hoatwɛre ho sẽ, berɛ a hobehu Abraham ne Isak ne Yakob ne adiyifoɔ he nyinaa sɛ bɛya Nyankopɔn ahennie mu, na ho deɛ, bɛapam ho kɔ abɔntene he.
Na Abraham kaa sɛ, ‘Me ba, kae sɛ wote ase he, wonyaa nnoɔma pa a wopɛ nyinaa, na Lasaro deɛ, ohuu amane, na afei ne wanya awerɛkyekyerɛ ne wo nso woohu amane.
“Awurade Honhom ya me so, efiri sɛ wasra me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafoɔ, wasoma me sɛ memmɛka gyeɛ ho asɛm nkyerɛ bɛ a bɛafa bɛ nommum na memma anifirafoɔ nhu adeɛ, sɛ memma bɛ a binom hyɛ bɛ so nya fahodie,
Na honim yɛ Awurade Yesu Kristo adom he, sɛ na ɔde ne ho adeɛ nyinaa mu deɛ, nso ho nti ɔgyaee ne nyinaa too hɔ, na ama ho abɛyɛ adefoɔ nnoɔma nyinaa mu.
Anuanom adɔfo, hontie! Nyankopɔn nyii bɛ a wiasefoɔ bu bɛ sɛ ahiafoɔ he sɛ bɛnyɛ gyidie mu adefoɔ ne ahennie a ɔhyɛɛ ho bɔ ma bɛ a bɛdɔ no he ho adedifoɔ?
“Menim amaneɛ a wohu maa Awurade na menim wo hia nso, nso woyɛ defoɔ honhom mu. Menim nsɛm a bɛ a bɛka sɛ bɛyɛ Yudafoɔ, nso bɛnyɛ Yudafoɔ he ka tia wo. Bɛyɛ Satan apamfoɔ.