Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Luka 6:19 - Apam Foforɔ

19 Na nnipadɔm he nyinaa hwehwɛɛ sɛ bɛde bɛ nsa bɛka no, efiri sɛ na tumi firi ne mu ba, na ɔsaa bɛ nyinaa yadeɛ.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Luka 6:19
15 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

na bɛsrɛɛ no sɛ ɔma bɛmfa bɛ nsa nka n’ataadeɛ mmuano ano; na bɛ a bɛde bɛ nsa kaeɛ nyinaa nyaa ayaresa koraa.


Esiane sɛ na wasa bebree yadeɛ nti, bɛ a bɛwɔ yadeɛ nyinaa ba bɛkyere ne so sɛ bɛbɛsɔ ne mu.


Na ntɛmaa, Yesu huu sɛ tumi bi afiri ne mu. Na ɔdanee ne ho nnipadɔm he mu bisaa sɛ, “Hwane ne kaa m’ataadeɛ yi?”


Na baabi a ɔkɔeɛ biaa, sɛ ɔyɛ nkuraase oo, nkurom oo, mfuom oo, bɛde ayarefoɔ beguu dwam hɔ, na bɛsrɛɛ no sɛ bɛbɛkaa n’ataadeɛ ano; na bɛ a bɛkaeɛ he nyinaa nyaa ayaresa.


Na afie bɛbaa Betsaida. Na nnipa binom de nifirani braa no, na bɛsrɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka no.


Da koro bi, Yesu gu so ɔɔkyerɛkyerɛ he, na Farisifoɔ ne atwerɛfoɔ a befiri nkuraa a ɔya Galilea ne Yudea ne Yerusalem ase aba he nyinaa tete hɔ, na Awurade tumi ya ne so a ɔde bɛsa yadeɛ.


Na yei nti bɛde duku ne ntaadeɛ nsɛnanimu mpo ka ne honam na bɛde kogu ayarefoɔ so a bɛ yadeɛ he gyaeɛ, na ahonhommɔne nso he tutu firi bɛ mu.


Na ho deɛ, hoyɛ abusua a bɛayi ho, sɛ adehyeɛ asɔfokuo, mane kronkron, Nyankopɔn ankasa nkurofoɔ a bɛayi ho sɛ honka n’anwanwadwuma he ho asɛm. Ɔno na ɔfrɛɛ ho firi sum mu baa ɔno ankasa hann nwanwasono he mu.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ