Asomafoɔ dummienu he bɛ dini di: deɛ odi kane ne, Simon a bɛsane frɛ no Petro; bɛ a ne bɛka ho ne ɔnoaa ne nua Andrea; Sebedeo ba Yakobo, ɔne ne nua Yohane;
Yesu buaa bɛ sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, sɛ Nipa Ba he tena n’animuonyam adwa so a, na nnoɔma nyinaa yɛ foforɔ a, ho a hoadi m’akyi yi nso ho bɛtena ahennwa dummienu so, abu Israel mmusuakuo dummienu he atɛne.
Na beduruu hɔ he, bɛforo kɔɔ abrosane so kowuraa dane bi a na Petro ne Yohane ne Yakobo ne Andrea, Filipo ne Toma, Bartolomeo ne Mateo, Alfeo ba Yakobo ne Simon Selote ne Yakobo ba Yuda te mu he mu.