12 Saa nna he mu he Yesu kɔɔ bepɔ so kɔbɔɔ mpaeɛ, na ɔbɔɔ mpaeɛ anadwo mũ he nyinaa.
Berɛ a Yesu huu nnipadɔm he, ɔkɔɔ bepɔ he so; na ɔtenaa ase he, n’asuafoɔ baa ne nkyɛne.
Na wo deɛ, sɛ woobɔ mpaeɛ a, kɔhyɛ wo dane mu na to wo ho pono mu na bɔ mpaeɛ kyerɛ w’Agya a ɔya kokoam he; na w’Agya a ohu kokoam he betua wo ka.
Anɔpa a animu nteteeɛ he, Yesu sɔre kɔhyɛɛ kokoam baabi, na ɔbɔɔ mpaeɛ hɔ.
Yesu kɔɔ bepɔ he so, na ɔtoo ne nsa frɛɛ bɛ a ohia bɛ ma bɛbaa ne nkyɛne.
Ogyaa bɛ kwane wieeɛ he, ɔkɔɔ bepɔ he so kɔbɔɔ mpaeɛ.
Nso, ɔtwee ne ho kɔhyɛɛ serɛ so baabi kɔbɔɔ mpaeɛ.
Na yei maa bɛ ani beree dendenndene, na betuu Yesu ho agyina hwɛɛ nea bɛde bɛyɔ no.
Na ɔne bɛ sane begyinaa baabi a hɔ da so, na n’asuafoɔ pii, ne nnipadɔm a befiri Yudea ne Yerusalem, ne Tiro ne Sidon mpoano nyinaa baa sɛ beebetie no na wasa bɛ yadeɛ.
Afei berɛ a na Yesu nkoaa hyɛ baabi ɔɔbɔ mpaeɛ he, asuafoɔ he baa ne nkyɛne, na obisaa bɛ sɛ, “Nnipakuo he, bɛdɛ me ne hwane?”
Na afei, nsɛm yi akyi bɛyɛ nnanwɔtwe he, Yesu faa Petro ne Yohane ne Yakobo kaa ne ho foro kɔɔ bepɔ so kɔbɔɔ mpaeɛ.
Na ogu so ɔɔbɔ mpaeɛ he, n’anim tebea sakraeɛ na n’ataadeɛ yɛɛ fitaa hyerɛnhyerɛn.
Yesu kɔɔ bepɔ he so na ɔne n’asuafoɔ he tenaa hɔ.
Honkura mpaebɔ mu, na homfa aseda nwɛne mpaebɔ mu.
Berɛ a Yesu ya honam mu he, ɔde nteamu ne nisuo ne nkotosrɛ mpaebɔ kɔɔ deɛ obetumi agye no afiri wuom he anim, na ne nyamesuro nti otiee no.