Saa nso ne bɛmmfa bobesa foforɔ ngu nsakotokuo dadaa mu; anyɛ saa a, nsakotokuo he bɛpae ama bobesa he ahwie agu, na kotokuo he asɛe. Na mmom bɛde bobesa foforɔ gu nsakotokuo mono mu, na ne mmienu nyinaa ansɛe.”
Nso ɔnam sɛ na anuanom atorɔfoɔ bi awiawia bɛ ho aba yɛ mu sɛ bɛbɛtetɛ yɛ ahwɛ ahofadie a yɛwɔ no Kristo Yesu mu, sɛnea ɔbɛyɛ a bɛde yɛ bɛkɔ Mmara nkoasom mu nti
Afei nea ɔte ahennwa he so he kaa sɛ, “Hwɛ! Meeyɔ nnoɔma nyinaa foforɔ!” Ɔka kyerɛɛ me nso sɛ, “Twerɛ yei, efiri sɛ, saa nsɛm yi yɛ nɔkorɛ, na wobetumi de wo ho ato so.”