3 Yesu kɔforoo akodoɔ he mu baako a na ɔyɛ Simon deɛ, na ɔsrɛɛ Simon sɛ ompia mfiri asaase so nkɔ akyire kakra. Afei ɔtenaa mu, firii aseɛ kyerɛkyerɛɛ nnipakuo he.
Na Yesu nam Galilea po ho he, ohuu anuanom mmienu, Simon, a bɛfrɛ no Petro, ɔne ne nua Andrea, sɛ beegu asau po he mu—efiri sɛ na bɛyɛ apofofoɔ.
Esiane sɛ na wasa bebree yadeɛ nti, bɛ a bɛwɔ yadeɛ nyinaa ba bɛkyere ne so sɛ bɛbɛsɔ ne mu.
Ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ dɔm he nti bensiesie kodoɔ mma no sɛdeɛ ɔbɛyɛ a bemmu mfa ne so.
Na ohuu akodoɔ mmienu sɛ osisi tadeɛ he ho, nso na apofofoɔ he asisi afiri mu a bɛɛhohoro bɛ asau.
Na anɔpa tutuutu he ɔsane baa asɔredane he mu. Na mane mũ he nyinaa baa ne nkyɛne na ɔtenaa ase kyerɛkyerɛ bɛ.