24 Nso sɛ ɔbɛyɛ na hobehu sɛ Nipa Ba he wɔ tumi ya asaase so sɛ ɔde bɔne kyɛ nti, Yesu ka kyerɛɛ bubuafoɔ he sɛ, “Meeka akyerɛ wo sɛ, sɔre fa wo kɛtɛ na kɔ wo fie!”
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Woaa woaka, Na meeka akyerɛ ho, Ofiri nnɛ ɔɔkɔ yi, hobehu Nipa Ba he sɛ ɔte Nyankopɔn Tumfoɔ nifa so na ɔte soro mununkum so ɔɔba asaase so.”
Nti ne ho asɛm trɛɛ Siria nyinaa, na bɛde ayarefoɔ, bɛ a bɛyare yadeɛ ahodoɔ ne bɛ a bɛ honam tutu bɛ, ne bɛ a honhom fi ne twerɛ ya bɛ so, ɔne mmubuafoɔ nyinaa, baa ne nkyɛne. Na ɔsaa bɛ nyinaa yadeɛ.
Na Petro maa biaa pie kɔɔ abɔntene, na obuu nkotodwe bɔɔ mpaeɛ, na ɔdanee ne ho hwɛɛ amu he kaa sɛ, “Tabita, sɔre!” Obiee n’ani, na n’ani bɔɔ Petro so he, ɔsɔre tenaa ase.