22 Na Yesu huu bɛ nsusuiɛ he, obuaa bɛ sɛ, “Mmɛ ne hoodwene ho ho akoma mu yi?
Berɛ a Yesu huu saa he, ofirii hɔ. Nnipa bebree dii n’akyi, na ɔsaa bɛ nyinaa yadeɛ,
Na onim bɛ adwene, nti ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ahennie biaa a ɔne ne ho di asie he bɛsɛe, na kuro anaa fie biaa a ɔko tia ne ho he, onnyina.
Na Yesu huu bɛ adwene he, ɔkaa sɛ, “Mmɛ nti ne ho dwene bɔne ho akoma mu?
Na Yesu huu saa he, obisaa bɛ sɛ, “Mmɛ nti ne hooka sɛ honni paanoo? Nti obesi nnɛ yi honhuu anaa hontee aseɛ? Hoapirim ho akoma?
Nti ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ɛɛne nti ne ho akoma tutu, na mmɛ nti ne ho adwene yɛ ho naa yi?
Hɔaa ne atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ he firii aseɛ dwenee ho sɛ, “Hwane di a ɔka abususɛm sei? Hwane ne betumi de bɔne akyɛ ka Nyankopɔn ho?”
Nea ɔya he ne ɔmmerɛ, sɛ bɛbɛka sɛ, ‘Bɛde wo bɔne akyɛ wo,’ anaa bɛbɛka sɛ, ‘Sɔre na nante’?
Petro bisaa sɛ, “Anania, ɛɛne nti ne Satan apirim w’akoma sɛ yi sika a wonyaeɛ firi asaase he tɔno he mu bi sie na bedi torɔ kyerɛ Honhom Kronkron?
Nɔkwasɛm di, nkwa na ahoɔdene ya Nyankopɔn asɛm mu, ano ɔnam sene sekane anofanu biaa, otumi hwire bibiaa mu koduru sɛ ɔpaepae kra firi honhom ho, akwaa firi kyim ho; na otumi bu adwene ne akoma mu nsusuiɛ atɛne.
Afei, meku n’akyidifoɔ he, na asafo he nyinaa behu sɛ mene deɛ ɔhwehwɛ adwene ne akoma mu. Metua ho mu biaa ka sɛnea ne nwuma teɛ.