2 Na ohuu akodoɔ mmienu sɛ osisi tadeɛ he ho, nso na apofofoɔ he asisi afiri mu a bɛɛhohoro bɛ asau.
Na Yesu nam Galilea po ho he, ohuu anuanom mmienu, Simon, a bɛfrɛ no Petro, ɔne ne nua Andrea, sɛ beegu asau po he mu—efiri sɛ na bɛyɛ apofofoɔ.
Na ofirii hɔ he, ohuu anuanom mmienu bi, Yakobo, Sebedeo ba ne ne nua Yohane, sɛ bɛ ne bɛ papa Sebedeo te kodoɔ mu a beesiesie bɛ asau, na ɔfrɛɛ bɛ.
Na Yesu nam Galilea po ho he, ohuu Simon ne Andreo a ɔyɛ Simon nua sɛ beegu asau po he mu efiri sɛ na bɛyɛ apofofoɔ.
Na ɔkɔɔ animu kakra he, ohuu Sebedeo ba Yakubu ne ne nua Yohane, na bɛ te bɛ kodoɔ mu a bɛɛkora bɛ asau.
Berɛ bi, ɔbaa sɛ na nnipakuo he akyere Yesu so a na beetie Nyankopɔn asɛm. Na ogyina Genesaret tadeɛ he ho.
Yesu kɔforoo akodoɔ he mu baako a na ɔyɛ Simon deɛ, na ɔsrɛɛ Simon sɛ ompia mfiri asaase so nkɔ akyire kakra. Afei ɔtenaa mu, firii aseɛ kyerɛkyerɛɛ nnipakuo he.
Simon Petro nua Andrea yɛ nnipa mmienu a bɛtee nea Yohane kaeɛ na bedii Yesu akyi he mu baako