Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Luka 5:17 - Apam Foforɔ

17 Da koro bi, Yesu gu so ɔɔkyerɛkyerɛ he, na Farisifoɔ ne atwerɛfoɔ a befiri nkuraa a ɔya Galilea ne Yudea ne Yerusalem ase aba he nyinaa tete hɔ, na Awurade tumi ya ne so a ɔde bɛsa yadeɛ.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Luka 5:17
20 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

anifirafoɔ hu adeɛ, mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ ho firi, asotifoɔ te asɛm, awufoɔ nyane firi wuom, na bɛka asɛmpa he kyerɛ ahiafoɔ.


Na Farisifoɔ ne atwerɛfoɔ he firii Yerusalem baa Yesu nkyɛne bebisaa sɛ,


Nso ofirii adi, na ɔhyɛɛ aseɛ kekaa ho asɛm, ma ɔtrɛɛ maa afei deɛ Yesu antumi anyi n’anim ankɔ kuro biaa mu bio, na ɔtenaa nkuro agya, na nnipa firii mmeammea baa ne nkyɛne.


Bɛde bɛ nsa bɛfa awɔ, na sɛ bɛnom awuduro mpo a, ɔnyɔ bɛ hwee, bɛde bɛ nsa begu ayarefoɔ so, na bebenya ayaresa.”


Na atwerɛfoɔ he a befiri Yerusalem baeɛ he kaa sɛ, “Ɔwɔ Beelsebul, na ɔde ahonhommɔne panyini he tumidie ne tutu ahonhom fi.”


Na ntɛmaa, Yesu huu sɛ tumi bi afiri ne mu. Na ɔdanee ne ho nnipadɔm he mu bisaa sɛ, “Hwane ne kaa m’ataadeɛ yi?”


Na afei Farisifoɔ ne atwerɛfoɔ bi a na befiri Yerusalem aba he twaa ne ho hyiaeɛ,


Nti Farisifoɔ ne atwerɛfoɔ he nyinaa nwiinwii kaa sɛ, “Nipa yi gye nnebɔnyɛfoɔ na ɔne bɛ didi.”


Na nnansa akyi he, behuu no asɔrefie hɔ sɛ ɔte akyerɛkyerɛfoɔ he mfinimfini ootie bɛ na oobisabisa bɛ nsɛm.


Hɔaa ne atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ he firii aseɛ dwenee ho sɛ, “Hwane di a ɔka abususɛm sei? Hwane ne betumi de bɔne akyɛ ka Nyankopɔn ho?”


Nti Farisifoɔ ne Atwerɛfoɔ he nwiinwii kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ, “Mmɛ nti ne ho ne togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ didi nom yi?”


Na nnipadɔm he nyinaa hwehwɛɛ sɛ bɛde bɛ nsa bɛka no, efiri sɛ na tumi firi ne mu ba, na ɔsaa bɛ nyinaa yadeɛ.


Nso Farisifoɔ ne bɛ a benim Mmara he ampene amma bɛammɔ bɛ asu. Na bɛyɔɔ saa de poo Nyankopɔn botae a ɔde ama bɛ he.)


Nso Yesu kaa sɛ, “Bi de ne nsa aka me, maahu sɛ tumi bi afiri me mu kɔ.”


Yesu buaa sɛ, “Nti wo a woyɛ Israel kyerɛkyerɛfoɔ he, wonnim yeinom?”


Na nea ɔyɔ setie ma nɔkorɛ he ba hann he ho sɛ ne nnwuma mmɛda adi, efiri sɛ ɔyɔ no Nyankopɔn mu.


Na Nyankopɔn nam Paulo so yɔɔ anwanwadeɛ soronko.


berɛ a wotene wo nsa sa yadeɛ, na wonam w’akoa kronkron Yesu dini so yɔ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ yi.”


Nso Farisini bi a bɛfrɛ no Gamaliel a ɔyɛ mmarakyerɛni a nkurofoɔ he nyinaa de anidie ma no, sɔre gyinaa Sanhedrin he anim, na ɔhyɛɛ sɛ bɛmfa mmeema he mfiri adi kakra.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ