10 na Sebedeo mma Yakobo ne Yohane, a bɛyɛ Simon yɔnko adwumayɔfoɔ he nso ho dwirii bɛ. Nso Yesu ka kyerɛɛ Simon sɛ, “Nsuro, efiri saa berɛ yi ɔɔkɔ yi, wobeyi nnipa.”
“Bio, soro ahennie te sɛ asau a bɛde guu po mu na benyaa nam ahodoɔ bebree;
Nso amonom hɔaa Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Homa ho akoma ntɔ ho yam, ɔyɛ me a; honnsuro koraa.”
Afei Sebedeo mma he ne bɛ maame baa Yesu hɔ. Na bɛ maame he buu nkotodwe Yesu anim, na ɔsrɛɛ ne hɔ bibi.
Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honni m’akyi, na mɛma hoayɛ nnipa yifoɔ.”
Na ofirii hɔ he, ohuu anuanom mmienu bi, Yakobo, Sebedeo ba ne ne nua Yohane, sɛ bɛ ne bɛ papa Sebedeo te kodoɔ mu a beesiesie bɛ asau, na ɔfrɛɛ bɛ.
Na Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honni m’akyi na mɛma hoayɛ nnipayifoɔ.”
Nti benyam bɛ mfɛfoɔ a bɛya kodoɔ baako he mu sɛ bɛmmɛboa bɛ; na bɛbaeɛ ma bɛhyɛɛ akodoɔ mmienu he mama, na ofirii aseɛ sɛ ɔɔmem.
Mpataa a beyiiɛ he maa Petro ne bɛ a bɛka ne ho he nyinaa ho dwirii bɛ,
Bɛne Simon, a ɔsane frɛɛ no Petro, ne ne nua Andreo, ne Yakobo ne Yohane, ne Filipo ne Bartolomeo,
Na Simon Petro, Toma a bɛfrɛ no Ata, Natanael a ofiri Kana a ɔya Galilea, Sebedeo mma mmeema he ne asuafoɔ he mu mmienu nso ya hɔ.
Na Honhom Kronkron bɛhyɛɛ bɛ nyinaa ma ma, na befiri aseɛ sɛ kaa kasa foforɔ, sɛnea Honhom he de maa bɛ sɛ bɛnka.
Na Tito deɛ, ɔyɛ me yɔnko ne me yɔnko dwumayɔni ma ho; yɛ nuanom deɛ, bɛyɛ asafo hodoɔ, Kristo animuonyam he asomafoɔ.
na ama bɛanni aba bɛ ho so ya bronsam fidie a ɔde akye bɛ sɛ bɛnyɛ n’apɛdeɛ he mu.