43 Nso ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ. “Ɔsɛ sɛ mekɔ nkuro foforɔ mu nso kɔka Nyankopɔn ahennie he ho asɛmpa he, efiri sɛ yei nti ne bɛsomaa me.”
Yesu kyinkyinii Galilea nyinaa, kyerɛkyerɛɛ bɛ hyia adane mu, na ɔpae mu kaa ahennie he ho asɛmpa na ɔsaa bɛ a bɛyare nyinaa yadeɛ.
Anɔpa a animu nteteeɛ he, Yesu sɔre kɔhyɛɛ kokoam baabi, na ɔbɔɔ mpaeɛ hɔ.
Na Yesu sane ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Asomdwie nka ho! Sɛnea Agya he asoma me he, saa are ne me nso meesoma ho.”
Adekyeɛ ya hɔ yi ɔsɛ sɛ yɛyɔ nea ɔsomaa yɛ he nnwuma; anadwo ɔɔba a biaa ntumi nnyɔ adwuma.
Yesu Nasareni he, Nyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi hyɛɛ no ma, na okyinikyinii asaase he so yɔɔ papa, na ɔsaa bɛ a Bronsam hyɛ bɛ so nyinaa yadeɛ, efiri sɛ na Nyankopɔn ka ne ho.
pae mu ka asɛmpa he, gyina mu berɛ pa ne berɛ bɔne mu; yi atene, ka anim, tu fo, abodwokyɛre ne nkyerɛkyerɛ nyinaa mu.