Yesu kaa n’anim hyɛɛ no sɛ, “Yɛ komm, na firi ne mu kɔ!” Nti honhommɔne he maa beema he twa hwee bɛ mfimfini, na ofirii ne mu kɔeɛ a wanyɔ beema he hwee.
Na ahonhommɔne nso firii bɛ mu pii mu teateam sɛ, “Wone Nyankopɔn Ba he.” Nso, ɔkaa bɛ anim, na wamma bɛ kwane sɛ bɛnkasa, efiri sɛ na benim no sɛ ɔno ne Kristo he.
Afei bɛkɔɔ ne nkyɛne konyanee no kaa sɛ. “Owura, Owura, yeebewuwu!” Onyaneeɛ he, ɔteateaa mframa he ne nsuo a abu afa so he, na ano brɛɛ ase, na ɔyɛɛ dinn.