35 Yesu kaa n’anim hyɛɛ no sɛ, “Yɛ komm, na firi ne mu kɔ!” Nti honhommɔne he maa beema he twa hwee bɛ mfimfini, na ofirii ne mu kɔeɛ a wanyɔ beema he hwee.
Na ahonhommɔne nso firii bɛ mu pii mu teateam sɛ, “Wone Nyankopɔn Ba he.” Nso, ɔkaa bɛ anim, na wamma bɛ kwane sɛ bɛnkasa, efiri sɛ na benim no sɛ ɔno ne Kristo he.
Afei bɛkɔɔ ne nkyɛne konyanee no kaa sɛ. “Owura, Owura, yeebewuwu!” Onyaneeɛ he, ɔteateaa mframa he ne nsuo a abu afa so he, na ano brɛɛ ase, na ɔyɛɛ dinn.
na hwɛ, honhom bi ba ne so, na ɔteaam prɛko pɛ, na otwa no hwe fam sensene no ma n’ano pu ahuro, na obu fa so, na ɔha no kyɛre paa ansa na wafiri ne so.
Na abeemaa he ɔɔbɛne Yesu he, honhommɔne he ma otwa hwee fam na ɔsensenee dendenndene. Nso Yesu kaa honhom fĩ he anim, na ɔsaa abeemaa he yadeɛ de no maa ne papa.