34 “Aa! Nha yɛ adwene! Nasareni Yesu, mmɛ ne yɛ ne wo wɔ yɔ? Nti wobaa sɛ woobɛsɛe yɛ? Menim onii ko a woyɛ ankasa, wone Kronkronni a ofiri Nyankopɔn hɔ he.”
Na ahonhommɔne nso firii bɛ mu pii mu teateam sɛ, “Wone Nyankopɔn Ba he.” Nso, ɔkaa bɛ anim, na wamma bɛ kwane sɛ bɛnkasa, efiri sɛ na benim no sɛ ɔno ne Kristo he.
Nti nnipadɔm a befiri Gerasefoɔ nsaase a atwa hɔ ahyia he nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ omfiri bɛ nkyɛne nkɔ, efiri sɛ na hu kɛseɛ aka bɛ. Afei ɔtenaa kodoɔ he mu siim sɛ ɔɔkɔ.
Nea ɔkɔ so yɔ bɔne he yɛ Bronsam deɛ, efiri sɛ, Bronsam firi mfitiaseɛ pɛɛ ne yɔɔ bɔne. Yei nti ne Nyankopɔn Ba he baeɛ: Ɔbaa sɛ ɔɔbɛsɛe Bronsam nnwuma.
“Twerɛ krataa kɔma Filadelfia asafo he mu bɔfoɔ he sɛ: Yei ne asɛm a ofiri nea ɔyɛ kronkron, a ɔyɛ nɔkwafoɔ a okita Dawid safoa a sɛ obie a, bi ntumi nto mu, na ɔto mu nso a, bi ntumi mmie, he nkyɛne.