Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Luka 4:16 - Apam Foforɔ

16 Na ɔkɔɔ Nasaret, baabi a bɛtetee no he; na sɛnea ɔtaa yɔ homeda he, ɔkɔɔ hyiadane mu, na ɔsɔre gyinaa hɔ sɛ ɔɔbɛkenkane,

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Luka 4:16
14 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na ɔkɔtenaa baabi a bɛfrɛ hɔ Nasaret, nti deɛ diyifoɔ he kaeɛ he baam sɛ, “Bɛbɛfrɛ no Nasareni.”


Bɛyɛɛ nea Awurade mmara hwehwɛ nyinaa wieeɛ he, bɛsane kɔɔ bɛ kuro Nasaret a ɔya Galilea mu.


Na berɛ a odii mfie dummienu he, bɛkɔeɛ sɛnea afahyɛ he ho amanneɛ teɛ,


Na ɔne bɛ kɔɔ Nasaret, na ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase hyɛɛ bɛ ase. Ne maame nso de nsɛm yi nyinaa siee n’akoma mu.


Ofirii aseɛ kyerɛkyerɛɛ bɛ hyia adane mu nso, na bɛ nyinaa bɛ kamfõõ no.


nti bɛmaa no diyifoɔ Yesaia nwoma a na bɛabobɔ he, na obiee nwoma mmobɔeɛ he mu, na ɔkenkanee faako a bɛatwerɛ sɛ,


Afei ofirii aseɛ ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Nnɛ ne twerɛsɛm a hotee no seeseiaa yi abam.”


Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ampa hobebu me bɛ yi sɛ, ‘Yaresafoɔ, sa wo ho yadeɛ, yɔ nnoɔma a yɛtee sɛ ɔkɔɔ so Kapernaum he bi woaa wo kurom ha nso.’ ”


Yesu buaa sɛ, “Me deɛ makasa akyerɛ wiase badwam; mekyerɛkyerɛɛ hyia adane ne asɔredane mu daa, baabi a Yudafoɔ nyinaa hyia he. Menkaa bibiaa kokoam.


Na sɛnea Paulo taa yɛ he, ɔkɔɔ bɛ nkyɛne, na ɔde homeda mmeɛnsa ne bɛ susuu twerɛsɛm he ho,


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ