Nti Pilato huu sɛ ontumi nyɔ bibiaa bio, na afei basabasa bi ɔɔhyɛ aseɛ he, ɔfaa nsuo bi hohoro ne nsa nipakuo he anim, kaa sɛ, “Menni beema yi mogyaa ho fɔ; honyɔ deɛ hopɛ.”
Bɛteaam sɛ, “Fa no kɔ! Fa no kɔ! Bɔ no asennua mu!” Pilato bisaa bɛ sɛ, “Memmɔ ho Hene he asennua mu?” Asɔfoɔ mpanyimfoɔ he buaa sɛ, “Yenni hene biaa ka Kaesare ho.”
Afei berɛ a akasakasaa he mu yɛɛ dene he, na sahene he suro sɛ bɛbɛtete Paulo mu asisinasini, nti ɔhyɛɛ asraafoɔ he sɛ bɛnkɔgye no mfiri bɛ nsa mu mfa no mmra asraafoɔ asoeɛ hɔ.