Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Luka 23:34 - Apam Foforɔ

34 Na Yesu kaa sɛ, “Agya fa kyɛ bɛ efiri sɛ bennim nea bɛɛyɔ.” Bio nso, bɛtwee ntonto kyɛɛ ne ntaadeɛ faeɛ.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Luka 23:34
26 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Saa berɛ he, Yesu kaa sɛ, “Agya, soro ne asaase Wura, meda wo ase, efiri sɛ, wode nnoɔma yi ahinta anyansafoɔ ne mmadwemma, na woayi no adi akyerɛ mpapahwekwaa.


Na me deɛ meeka akyerɛ ho sɛ, Honnɔ ho atamfoɔ na hommɔ mpaeɛ mma bɛ a bɛtaa ho,


Na bɛbɔɔ no asennuam, na bɛkyekyɛɛ ne ntoma mu, na bɛtwee so ntonto de huu nea otwa sɛ biaa nya.


sɛ, “Agya, sɛ wopɛ a, yi kuruwa yi firi me so. Nso, ɔnyɛ me pɛ, na mmom ma wo pɛ ne nyɛ hɔ.”


Meebisa ama bɛ; memmisa mma wiase na mmom mebisa ma bɛ a wode bɛ ama me he, efiri sɛ bɛyɛ wo deɛ.


Yesu buaa sɛ, “Sɛ bɛamfa amfiri soro amma wo a wonnya me so tumi biaa. Ɔno nti nea oyii me maa wo he bɔne so paa.”


Na Paulo de nne kɛseɛ teaam sɛ, “Nyɔ wo ho bɔne biaa, na yɛ nyinaa yɛya ha!”


“Afei anuanom, menim sɛ nim a honnim nti ne hoyɔɔ sɛnea ho atumfoɔ yɔɔeɛ he.


Afei, obuu nkotodwe de nne kɛseɛ teaam sɛ, “Awurade, mmu bɔne yi ntia bɛ.” Na ɔkaa saa he ogyaam.


Honhyira bɛ a bɛtaa ho; honhyira, na honnnome.


Wiase yi anyansafoɔ biaa ante yei ase; sɛ bɛtee aseɛ a, nka bɛammɔ animuonyam Wura he asennua mu.


Na yɛbrɛ de yɛ ankasa yɛ nsa yɔ adwuma. Bɛdome yɛ a, yehyira bɛ, bɛtaa yɛ a, yegyina;


ɔyam sɛ akane he, na meyɛ abususɛnkafoɔ, taafoɔ ne bi a ommu hwee, nso menyaa adom, efiri sɛ, na mennim deɛ meeyɔ, ɔnam gyidie a na menni nti.


Hommfa bɔne ntua bɔne so ka, na hommfa yea nso ntua yea so ka. Na mmom daa, honhyirahyira, efiri sɛ, ɔno ne bɛma ho anya nhyira.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ