40 Beduruu hɔ he, ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Hommɔ mpaeɛ na hoankɔ sɔhwɛ mu.”
Na nnyae yɛ mma yɛnnkɔ nsɔhwɛ mu, na mmom gye yɛ firi bɔnefoɔ he nsam. [Efiri sɛ ɔyɛ wo ne ahennie ne tumi ne animuonyam yɛ wo dea daa, Amen!]
Na fa yɛ bɔne kyɛ yɛ, sɛnea yɛ ankasa nso yɛde akyɛ bɛ a bɛde yɛ ka. Na nnyae yɛ mma yɛnkɔ sɔhwɛ mu.”
Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ɛɛne nti ne hoadeda yi? Honsɔre na hommɔ mpaeɛ, na hoankɔ nsɔhwɛ mu.”
Nnoɔma nyinaa awieeɛ abɛne. Saa nti homma ho adwene mu nna hɔ, na ho ani nna hɔ mma mpaeɛ.
Esiane sɛ woadi m’ahyɛdeɛ so boasetɔ mu nti, sɛ haw a ɔɔba wiase nyinaa abɛsɔ asaase so nnipa nyinaa ahwɛ he ba a, mɛgye wo afiri mu.