Saa berɛ he akokɔ bɔno mprenu so. Na Petro kae sɛ Yesu aka akyerɛ no sɛ, “Ansa na akokɔ bɛbɔno mprenu he na woapa me mprɛnsa.” Nti ne werɛ hoeɛ, na osuiɛ.
Nea oguu abotane so he gyna hɔ ma bɛ a bɛte asɛm he a bɛde anigye gye, nso yeinom nni nhini; bɛgyidi berɛ tiaa bi mu, nso oduru sɔhwɛ berɛ a, na bɛawae.
Me Petro, Yesu Kristo somafoɔ, twerɛ saa krataa yi de kɔma Nyankopɔn nnipa a bɛayi bɛ a bɛahwete sɛ ahɔhoɔ kɔ Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia ne Bitinia amantam mu he.
Nti, adɔfonom, hogu so ɔɔtwɛne da he yi, hommɔ mmɔdene sɛ hobɛyɛ nnipa kronkron a mfomsoɔ biaa nni ho ho ya Nyankopɔn anim na ho ne no atena asomdwie mu.