Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Luka 22:17 - Apam Foforɔ

17 Na afei ɔfaa kuruwa daa ase kaa sɛ, “Honye yei na honkyɛ nom;

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Luka 22:17
15 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Afei ɔhyɛɛ nnipadɔm he sɛ bɛntenatena serɛ he so. Ɔfaa paanoo nnum ne nkyenam mmienu he, ɔhwɛɛ soro, hyiraa so bubuu paanoo he, na ɔde maa asuafoɔ he, na asuafoɔ he de maa nkurofoɔ he.


na afei ɔfaa paanoo nson ne nkyenam he; na ɔdaa ase wieeɛ he, obubuu mu mmaa asuafoɔ he, na asuafoɔ he nso de maa nnipadɔm he.


Berɛ a beedidi he, Yesu faa paanoo, ohyiraa so wieeɛ he, obubu de maa asuafoɔ he kaa sɛ, “Honnye, honni; me nipadua di.”


Na beedidi he, Yesu faa paanoo, na ohyiraa so he, obuu mu de maa bɛ kaa sɛ, “Honye, yei ne me nnipadua.”


Afei nso, ɔfaa paanoo daa ase, bubuu mu de maa bɛ kaa sɛ, “Yei ne me honam a bɛde bɛma, esiane ho nti. Honyɔ yei mfa nkae me.”


Afei Yesu faa paanoo num ne nkyenam mmienu he, ɔhwɛɛ soro hyiraa so bubuu mu de maa asuafoɔ he sɛ bɛmfa nsisi nnipa akuoakuo he anim.


Bɛ a bebu da bi he, bɛde hyɛ Awurade animuonyam. Na bɛ a bedi he nso, bedi hyɛ Awurade animuonyam, esiane sɛ bɛda Nyankopɔn ase; bɛ a benni he nso, di a benni he bɛde hyɛ Awurade animuonyam, na bɛda Nyankopɔn ase.


Nhyira kuruwaa a yehyira so he, ɔnyɛ ayɔnkoyɛ a yenya firi Kristo mogyaa he mu anaa? Na paanoo a yebubu he nso, ɔnyɛ ayɔnkoyɛ a yenya firi Kristo nipadua he mu anaa?


Na me deɛ, nea menya firii Awurade hɔ heaa ne mede maa ho, sɛ Awurade Yesu anadwo a beyii no maeɛ he ɔfaa paanoo,


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ