Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Luka 21:34 - Apam Foforɔ

34 “Na honhwɛ ho ho so yie, na adidi mmorosoɔ ne nsaborɔ ne asetena mu dadwene anhyɛ ho akoma so, na da he ammɛto ho mpofirem te sɛ fidie,

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Luka 21:34
37 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na deɛ beguu no nkasɛe mu he, ɔno ne nipa a ɔte asɛm he a, wiase adwendwene ne ahonyadeɛ nnaadaa mia asɛm he, na ne saa nti, ontumi nso aba biaa.


“Ho deɛ, honhwɛ ho ho yie, efiri sɛ bebeyi ho ama abadwafoɔ; na bɛbɛhwe ho hyia adane mu; na me nti, hobegyina amradofoɔ ne ahemfo anim, de ayɛ adanseɛ ama bɛ.


wiase mu dadwene ne ahonya ho nnadaa ne nnoɔma a aka ho akɔnnɔ ba bemia asɛm he, na ɔmma no nso aba biaa.


Nso Awurade buaa no sɛ, “Marta, Marta, wodwendwene bebree na wode nnoɔma pii ha wo ho.


Ho nso honsiesie ho ho, efiri sɛ dɔno a honsusu koraa mu ne Nipa Ba he bɛba.”


Homma ho ani mmra ho ho so. Sɛ wo nua yɛ bɔne bi a ka n’anim, na sɛ onu ne ho a fakyɛ no.


na sɛ ɔbɛba nnipa a bɛtete asaase ani nyinaa so.


Ɔkaa sɛ, “Honhwɛ yie na bɛannaadaa ho, efiri sɛ nnipa bebree de me dini bɛba abɛka sɛ, ‘Mene no,’ na ‘Berɛ a bɛahyɛ he abɛne!’ Honnni bɛ akyi.


Na nea oguu nkasɛe mu he ne bɛ a bɛte asɛm he, nso asetena yi mu dadwene ne ahonya ne anigyeɛ twetwe bɛ, na emia bɛ koraa ma nti sɛ bɛso aba mpo a aba he nyini nwie.


Na afei metwerɛ ho sɛ, sɛ bi a ɔfrɛ ne ho gyidini yɛ dwamanfoɔ anaa aniberefoɔ anaa bosonsonni anaa ntɔkwapɛfoɔ anaa nsadweam anaa korɔmfoɔ a, ho ne saa foɔ he mmɔ fekuo mpo, na ho ne no nnidi nso.


akorɔmfoɔ, aniberefoɔ, nsaborofoɔ, ntɔkwapɛfoɔ, akwamukafoɔ, yei no mu bi a onnya Nyankopɔn ahennie.


abosonsom, adutoɔ, tane, akayɔ, ahoɔyeyaa, abufuo, atutupɛ, kunsumkunsum, mpaepaemu,


Honnnwene hwee nha ho ho, na mmom homfa mpaebɔ ne nkotosrɛ mma ho adesrɛ nnuru Nyankopɔn hɔ bibiaa mu.


Honhwɛ yie na Nyankopɔn adom he ammɔ biaa; na nhini biaa a nwonwono yam amfifiri ho mu na ammɛyɛ haw amma ho, na angu nnipa bebree ho fi.


Na Awurade da he bɛba mpofirem te sɛ korɔmfoɔ ɔɔba he. Saa da he, soro bɛbobom dendene na ayera, na wiem nnoɔma bɛhye na asɛe, na bɛapa asaase ne so nnwuma nyinaa nso ho ntoma.


Nti, adɔfonom, hogu so ɔɔtwɛne da he yi, hommɔ mmɔdene sɛ hobɛyɛ nnipa kronkron a mfomsoɔ biaa nni ho ho ya Nyankopɔn anim na ho ne no atena asomdwie mu.


Kae nea wonyaeɛ na woteeɛ he, di so na sakra w’adwene firi wo bɔne ho. Sɛ woanwɛne a, mɛba wo so te sɛ korɔmfoɔ, na wonhu dɔnhwere korɔ a mɛba wo nkyɛne.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ