14 Berɛ a nhwɛsofoɔ he ani bɔɔ no so he, befirii aseɛ susuu ho sɛ, ‘Mhõõ! Yei ne diadefoɔ he; homma yenku no, na agyapadeɛ he abɛyɛ yɛ deɛ.’
Bɛka kyerɛɛ bɛ ho bɛ ho sɛ, “Sesɛɛ yɛamfa paanoo yi nti a.”
Na Yohane asubɔ he firi soro, anaa ofiri nnipa?” Na besusuu ho sɛ, “Sɛ yɛka sɛ, ‘Ofiri soro’ a, obebisa yɛ sɛ, ‘Mmɛ nti ne hoannye no anni?’
Berɛ a twaberɛ duruiɛ he, ɔsomaa ne nkoa kɔɔ nhwɛsofoɔ he hɔ sɛ bɛnkɔgye n’afudeɛ mmra no.
Bio nso, ɔkɔɔ so maa nkyerɛkyerɛ asɔre fie hɔ da biaa, na asɔfoɔ mpanyini he ne atwerɛfoɔ ne nnipa he mu atitire he ɔɔhwehwɛ sɛ bebeku no;
Nti bobeturo wura he kaa sɛ, ‘Abɛ ne menyɔ? Mɛsoma me ba a medɔ no he. Yei deɛ, ebia bɛbɛfɛre no.’
Nti bɛpamoo no firii bobe turo he mu kokuu no. Afei, hosusu sɛ mmɛ ne bobeturo wura he de bɛyɔ bɛ?
Dɔno heaa mu he, atwerɛfoɔ ne asɔfoɔ mpanyimfoɔ he pɛɛ sɛ bɛkye no, nso na besuro nkurofoɔ he; behuu sɛ ɔmaa saa mfantoho yi tiaa bɛ.
Afei besusuu ho sɛ, “Sɛ yɛka sɛ, ‘Ofiri soro’ a ɔbɛka sɛ, ‘Mmɛ nti ne hoannye no anni?’
Na asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ he nso ɔɔhwehwɛ kwane a bɛbɛfa so aku Yesu, efiri sɛ na besuro nkurofoɔ he.
ɔnoaa ne ɔnam Nyankopɔn nhyehyɛeɛ ne ne nim a onim dada so yii no maeɛ he, na hofaa no, nam bɛ a benni mmara nsa so bɔɔ no asennua mu kuu no.
Na hokuu nkwa Farebae he, nea Nyankopɔn nyanee no firii awufuom he. Yɛyɛ yei ho adansefoɔ.
na sɛ yɛyɛ mma a, hedeɛ yedi adeɛ nso, yɛyɛ Nyankopɔn adedifoɔ, na yɛ ne Kristo bom di adeɛ; nɔkwasɛm ne sɛ, yɛ ne no hu amaneɛ a, saa ara nso ne bɛbɛhyɛ yɛne no animuonyam abom.
na nna a odi akyire yi mu deɛ, ɔnam ne Ba a waayi no asi hɔ sɛ nnoɔma nyinaa so diadeɛ, na ɔnam ne so bɔɔ nnoɔma nyinaa he so, akasa akyerɛ yɛ.