1 Na ɔbaa sɛ da koro bi a na Yesu ɔɔkyerɛkyerɛ nkurofoɔ asɔrefie hɔ na ɔɔka asɛmpa he, asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne atwerɛfoɔ ne mpanyimfoɔ he baa ne nkyɛne,
Afei, Yesu bisaa nnipadɔm he sɛ, “Hode sekane ne mmaa ne ɔɔbɛkye me, te sɛ nea meyɛ korɔmfoɔ? Da biaa mete asɔredane mu kyerɛkyerɛ he, hoankye me.
na bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Ka tumi korɔ a wode yɔ yeinom kyerɛ yɛ, anaa nea ɔde saa tumi yi maa wo he.”
Yei akyi berɛ tiaa bi mu he, Yesu tutuu akwane kɔɔ nkuro mu ne nkuraa ase kɔ pae mu kaa Nyankopɔn ahennie he ho asɛmpa. Na dummienu he ka ne ho.
Yesu buaa sɛ, “Me deɛ makasa akyerɛ wiase badwam; mekyerɛkyerɛɛ hyia adane ne asɔredane mu daa, baabi a Yudafoɔ nyinaa hyia he. Menkaa bibiaa kokoam.
Afei berɛ a Petro ne Yohane ɔɔkasa akyerɛ nkurofoɔ he, asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne asɔrefie hwɛfoɔ he ne Sadukifoɔ he baa bɛ so,
Na behwanyanee nnipa he ne mpanyimfoɔ he ne atwerɛfoɔ he maa bɛbaa no so mpofirem bɛkyee no kɔmaa Sanhedrin he.