7 Na ɔwoo n’abakane beema, na ɔde ntoma kyekyeree ne ho de no too mmoa adididaka mu, efiri sɛ bɛannya kwane ahɔhodane he mu.
nso wamfa ne ho anka no kosii sɛ ɔwoo ba beema; na ɔtoo ne dini Yesu.
Ɔnyɛ duadwumfoɔ he ba he di? Ɔnyɛ ne maame ne bɛfrɛ ne Maria he? Ɔnyɛ ne nua mmeemmaanom ne Yakobo ne Yosef ne Simon ne Yuda?
Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sakramane wɔ bɔno, na nnomaa a bɛya wiem wɔ pirebuo; nso Nipa Ba he deɛ onni baabi a ɔde ne ti bɛto mpo.”
Nti ɔkɔɔ ne nkyɛne de aduro kekaa n’akuro he mu kyekyeree so. Afei ɔde no tenaa n’ankasa aboa so de no kɔɔ ahɔhodane mu kɔhwɛɛ no.
Na ɔbaa sɛ bɛya hɔ he, awoɔ kaa Maria.
Saa berɛ he, na nnwanhwɛfoɔ bi nso ya wuram ɔɔwɛne bɛ nwane anadwo.
Na Asɛm he bɛyɛɛ honam bɛtenaa yɛ mu, na yɛahu n’animuonyam sɛ Agya he Ba a ɔwoo no koro maa yɛ, adom ne nɔkorɛ ahyɛ no ma.
Na honim yɛ Awurade Yesu Kristo adom he, sɛ na ɔde ne ho adeɛ nyinaa mu deɛ, nso ho nti ɔgyaee ne nyinaa too hɔ, na ama ho abɛyɛ adefoɔ nnoɔma nyinaa mu.
Nso berɛ a bɛahyɛ ato hɔ he soeɛ he, Nyankopɔn somaa ne Ba a baa woo no, na bɛwoo no mmara he ase,