Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Luka 2:47 - Apam Foforɔ

47 Na sɛnea n’adwene mu dɔ na oyi nsɛm ano he nti, bɛ a beetie no he ho dwirii bɛ.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Luka 2:47
13 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na afei Yesu baa ɔnoaa ne kurom, na ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔɔkyerɛkyerɛ nkurofoɔ he bɛ hyiadane mu hɔ, na bɛ ho dwirii bɛ maa bɛkaa sɛ, “He ne saa nipa yi konyaa nyansa ne tumi nnwuma a ɔte sei?


Na berɛ a nnipadɔm he tee saa he, ne nkyerɛkyerɛ he yɛɛ bɛ ahodwiri.


Na afei, berɛ a Yesu kaa nsɛm yi wieeɛ he, nnipadɔm he ho dwirii bɛ ne nkyerɛkyerɛ he ho,


Ne nkyerɛkyerɛ he yɛɛ bɛ nwanwa, esiane sɛ ɔde tumi paa ne kasaeɛ, na wankasa sɛ atwerɛfoɔ he.


Na asɔfo mpanyimfoɔ he ne atwerɛfoɔ he teeɛ he, bɛkɔɔ so hwehwɛ kwane a bɛbɛfa so aku no nso, na besuro no, efiri sɛ, ne nkyerɛkyerɛ he twee nnipakuo he nyinaa adwene.


Homeda he, ɔhyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ hyiadane mu, na dodoɔ a bɛtee ne nkyerɛkyerɛɛ he nyinaa ho dwirii bɛ. Bebisaa sɛ, “Hefa ne beema yi nyaa yeinom nyinaa? Mmɛ nyansa ne bɛde ama no yi? Mmɛ tumi-nnwuma ne ne nsa ɔɔyɔ yi!


Na nea nnwanhwɛfoɔ he kaeɛ he yɛɛ bɛ a bɛteeɛ nyinaa nnwanwa,


Na nnansa akyi he, behuu no asɔrefie hɔ sɛ ɔte akyerɛkyerɛfoɔ he mfinimfini ootie bɛ na oobisabisa bɛ nsɛm.


Na bɛ nyinaa bedii ne ho adanse-pa, na adom nsɛm a ɔkaeɛ he maa bɛ ho dwirii bɛ, na bebisaa sɛ, “Nyɛ Yosef ba yi di?”


na kwane a ɔfaa so kyerɛkyerɛeɛ he yɛɛ bɛ nwanwa, efiri sɛ na tumi ya ne nsɛm he mu.


Na yei yɛɛ Yudafoɔ he nwanwa ma bɛkaa sɛ, “Ɔyɛɛ dɛ ne nipa a onsuaa nwoma biaa yi nim nwoma saa?”


Awɛmfoɔ he buaa sɛ, “Nipa biaa nkasaa sɛ beema yi da!”


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ