Nti berɛ a abɔfoɔ he gyaa bɛ hɔ kɔɔ soro he, nnwanhwɛfoɔ he keka kyerɛɛ bɛ ho bɛ ho sɛ, “Homma yɛnkɔ Betlehem nkɔhwɛ nea asi a Awurade ayi no adi akyerɛ yɛ yi.”
na Nyankopɔn nam Kristo so apata ɔno Nyankopɔn ne nnoɔma nyinaa ntam koraa. Ɔne sɛ, ɔnam Kristo asennua ho mogyaa so asiesie Nyankopɔn ne nnoɔma a ɔya asaase so ne soro nyinaa ntam; na ɔnam nkabom yi so ama asomdwie aba.
Na metee sɛ abɔdeɛ a ɔya soro, asaase so, asaase ase, po mu ne dea ɔya wiase nyinaa ɔɔto nnwom sɛ, “Nhyira ne anidie ne animuonyam ne tumi nka nea ɔte ahennwa he so ne adwamaa he daa daa!”