4 Nti otutuu mmirika dii kane kɔɔ animu kɔforoo akyee dua bi sɛnea obehu no, efiri sɛ na Yesu oobetwam afa saa kwane he so.
Na Awurade kaa sɛ, “Sɛ howɔ gyidie a ne kɛseɛ te sɛ sinapi aba mpo a, nka hobɛka akyerɛ saa akyee dua yi sɛ, ‘Tutu na kosi po mu!’ Na nka obetie ho.
Na ɔɔhwehwɛ sɛ obehu nipa korɔ a Yesu yɛ, nso nnipadɔm he nti na ontumi, efiri sɛ na ɔyɛ akwatia.
Berɛ a Yesu duruu hɔ he, ɔmaa n’ani so hwɛɛ soro ka kyerɛɛ no sɛ, “Sakeo, yɛ ntɛm si fam na nnɛ ɔsɛ sɛ metena wo fie.”
Nti, berɛ a bɛannya kwane amfa no amma esiane nnipadɔm he nti he, bɛkɔɔ dane he atifi kogyaagyaa ɔne kɛtɛ he mu faa dane he soro bɛtoo Yesu anim ne nnipadɔm he mfinfini.