10 Na Nipa Ba he baa sɛ ɔɔbɛhwehwɛ na wagye bɛ a bɛ ayera.”
Ɔbɛwo ba beema, na to ne dini Yesu, efiri sɛ ɔno ne bɛgye ne nkurofoɔ afiri bɛ bɔne mu.”
na mmom honkɔ Israelfoɔ he mu, nwane a bɛayera he hɔ.
Na obuaa sɛ, “Bɛansoma me baabiaa sɛ Israel mu nnwane a bɛayera he hɔ.”
“Honhwɛ yie na hoammu nketewa yi baako mpo animtia; meeka akyerɛ ho, soro hɔ, bɛ abɔfoɔ hwɛ m’Agya a ɔya soro he anim daa.
[Na Nipa Ba he baeɛ sɛ ɔɔbɛgye bɛ a bɛayera.]
nso ɔsɛ sɛ yɛma yɛ ani gye na yedi ahurusie, efiri sɛ wo nua yi wuiɛ na waaba nkwa mu bio, ɔyeraeɛ na yɛahu no.’ ”
“Anaa baa hwane ne wɔ dwetɛbena du na sɛ dwetɛbena baako yera a, ɔnsɔ kanea mpra ne fie na ɔnhwehwɛ no yie nkosi sɛ obehu?
Na Nyankopɔn ansoma ne Ba he amma wiase sɛ ommebu wiase atɛne, na mmom sɛ bɛmfa no so nnye wiase nkwa.
Na berɛ a yɛda so yɛ mmerɛ he, berɛ a ɔsɛ mu he Kristo wu maa nnebɔnyɛfoɔ.
Ne saa nti berɛ biaa obetumi agye bɛ a bɛnam ne so ba Nyankopɔn nkyɛne he, efiri sɛ ɔte ase daa sɛ obedi ama bɛ.