Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Luka 18:9 - Apam Foforɔ

9 Na ɔde mfantoho yi nso maa binom a bɛgye bɛ ho di sɛ bɛyɛ ateneneefoɔ na bemmu bɛ a bɛaka he koraa he sɛ,

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Luka 18:9
22 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Nso, beema he pɛɛ sɛ obu ne ho bem nti, obisaa Yesu sɛ, “Na hwane ne me yɔnko?”


Nti Farisifoɔ ne atwerɛfoɔ he nyinaa nwiinwii kaa sɛ, “Nipa yi gye nnebɔnyɛfoɔ na ɔne bɛ didi.”


Nti ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ho ne hobu ho ho bem nnipa anim, nso Nyankopɔn nim ho akomam; efiri sɛ nea ɔsombo nnipa ani so he yɛ akyiwadeɛ Nyankopɔn ani so.


Farisini he sɔre gyinaeɛ, na ofirii aseɛ bɔɔ mpaeɛ ne tim sɛ, ‘Nyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛ nnipa a aka he, apoobɔfoɔ, bɛ a bɛntene, awaresɛefoɔ, anaa togyeni yei mpo.


Na behuiɛ he, bɛ nyinaa nwiinwii kaa sɛ. “Beema debɔneyɛfoɔ yi ne ɔɔkɔsoɛ no yi.”


Na Farisini a ɔtoo nsa frɛɛ no he huiɛ he, ɔkaa no ne tim sɛ, “Sɛ beema yi yɛ diyifoɔ a, nka obehu onii ne baa ko a ɔde ne nsa ɔɔka no he sɛ ɔyɛ debɔneyɛni.”


Yudafoɔ he buaa no sɛ, “Sɛ yɛka sɛ woyɛ Samariani na wowɔ honhommɔne a, ɔnyɛ nɔkorɛ?”


Bɛyeyaa no, na bɛkaa sɛ, “Wone woyɛ ne suani; na yɛ deɛ, yɛyɛ Mose asuafoɔ.”


Bebuaa no sɛ, “Wo a bɔne mu ne bɛwoo wo yi ne wookyerɛkyerɛ yɛ yi?” Na bɛpamoo no firi hɔ.


Nso ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Sɔre kɔ, efiri sɛ, mɛsoma wo akɔ Amanamane a ɔya akyirikyiri mu.’ ”


efiri sɛ, benni tenenee a ofiri Nyankopɔn hɔ he ho nimdeɛ, esiane sɛ bɛpɛ sɛ bɛde bɛ ankasa bɛ tenenee si hɔ nti, bɛmfa bɛ ho nhyɛ Nyankopɔn tenenee mu.


Mmɛ nti ne wobu wo ankasa wo nua atɛne? Anaa wo, ɛɛne nti ne wobu wo nua animtia?


Ɔnsɛ sɛ bɛ a bedi nnoɔma nyinaa he bebu bɛ a benni nnoɔma bi he animtia, na bɛ a benni nnoɔma bi he nso, ɔnsɛ sɛ bebu bɛ a bedi he atɛne; efiri sɛ Nyankopɔn agye saa nipa he.


Na mekwatii mmara he tenaa ase berɛ bi, nso berɛ a mmaransɛm he baeɛ he, bɔne nyaneɛ


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ