Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Luka 18:32 - Apam Foforɔ

32 Na bebeyi no ahyɛ amanamane mufoɔ nsa, na bɛagoro ne ho, na bɛabɔ no adapaa, na bɛatete ntasuo agu ne so,

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Luka 18:32
26 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Ofiri saa mmerɛ he ɔɔkɔ he, Yesu firii aseɛ kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ ɔsɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem na okohu amane, mpanyimfoɔ ne asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ nsam na beku no, na ne nnansa so he ɔsɔre.


na bɛde no ahyɛ Amanamane mufoɔ nsa ama bɛadi ne ho fɛw na bɛabɔ no mmaa, na bɛabɔ no asennuam, na da a ɔto so mmeɛnsa he Nyankopɔn anyane no afiri awufoɔ mu.”


binom nso kyee nkoa he, bɔɔ bɛ adapaa kukuu bɛ.


Na bɛtoo ntasuo guu n’anim na bɛbobɔɔ no, na binom bɔɔ n’asum,


Bɛkyekyere no, na befirii adi de no kɔhyɛɛ Pilato a na ɔyɛ amrado he nsa.


Binom hyɛɛ aseɛ totoo ntasuo guu ne so, kyekyeree n’ani, na bɛbobɔɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Hyɛ nkɔm!” Abammɔfoɔ he nso bɛfaa no kɔeɛ, na bɛkɔhwee no.


Na afei, adeɛ kyee anɔpa tutuutu he, asɔfoɔ mpayimfoɔ, mane he mu mpanyimfoɔ, atwerɛfoɔ ne abadwafoɔ he nyinaa tuu agyina. Bɛkyekyeree Yesu de no kɔeɛ na bɛde no kɔhyɛɛ Pilato nsa.


na bɛhwe no wie a, bebeku no, na da a ɔtɔ so mmeɛnsa he obenyane.”


Nti nnipadɔm he nyinaa sɔreeɛ, na bɛde Yesu kɔmaa Pilato.


Afei Herode ne n’asraafoɔ he bɔɔ no adapaa, goroo ne ho, na bɛhyɛɛ no ahentaadeɛ bi de no kɔmaa Pilato bio.


Na nkurofoɔ he gyina hɔ ɔɔhwɛ. Na atumfoɔ he dii ne ho agorɔ kaa sɛ, “Ɔgyee binom; sɛ yei ne Kristo a Nyankopɔn ayi no he a, ma onnye ne ho ɛ!”


Na ɔkaa yei he, awɛmfoɔ he mu baako a na ogyina hɔ bɔɔ Yesu asom, kaa sɛ “Nti, sɛnea wobuaa sɔfopanyini di?”


Na bɛde Yesu firii Kaiafa hɔ kɔɔ amrado Pilato abane mu. Na ɔyɛ anɔpatutuutu. Na Yudafoɔ he ankasa ankɔ amrado abane he mu sɛnea ɔbɛyɛ a bengu bɛ ho fi na bɛatumi adi Twam he bi.


Bɛkaa sɛ, “Sɛ beema yi nyɛ nipa bɔnefoɔ a, nka yɛamfa no ammrɛ wo.”


(Yei maa asɛm a Yesu ka faa wuo korɔ a na oobewu he ho he baa mu.)


Pilato buaa sɛ, “Menyɛ Yudani, anaa meyɛ bi? Wo ankasa wo manfoɔ ne asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne de wo ahyɛ me nsa. Mmɛ adeɛ ne woayɔ?”


ɔnoaa ne ɔnam Nyankopɔn nhyehyɛeɛ ne ne nim a onim dada so yii no maeɛ he, na hofaa no, nam bɛ a benni mmara nsa so bɔɔ no asennua mu kuu no.


Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakobo Nyankopɔn, yɛ nananom Nyankopɔn ahyɛ n’akoa Yesu animuonyam, nea ho deɛ, hoyii no maeɛ, na hopaa no Pilato anim, berɛ a Pilato sii gyinaeɛ sɛ obegyaa no he.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ