Afei ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Homma ho ani nna hɔ na honhwɛ yie anibereɛ nyinaa ho, efiri sɛ, sɛ nipa nya ne ho ma obu so mpo a, ɔnyɛ nnoɔma a ɔwɔ he mu ne ne obenya ne nkwa.”
Yesu tee yei he, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nso aka wo adeɛ baako: kɔtɔno nea wowɔ nyinaa na kyekyɛ ma ahiafoɔ, na wobenya agyapadeɛ soro; na bra bedi m’akyi.”
Na Sakeo sɔre gyinaeɛ ka kyerɛɛ Awurade sɛ, “Oo! Awurade, mede m’ahodeɛ fã ma ahiafoɔ na adeɛ biaa mede nkontompo agye afiri bi hɔ he, mɛbɔ adekorɔ he ho mprɛ nnan ama oni korɔ he.”
Na nea oguu nkasɛe mu he ne bɛ a bɛte asɛm he, nso asetena yi mu dadwene ne ahonya ne anigyeɛ twetwe bɛ, na emia bɛ koraa ma nti sɛ bɛso aba mpo a aba he nyini nwie.
Nɔkwasɛm ne sɛ, mebu nnoɔma nyinaa adehweredeɛ, ɔnam m’Awurade Kristo Yesu ho nimdeɛ he boɔ a ɔkyɛne so he nti. Ɔno nti mahwere nnoɔma nyinaa, na mebu adeɛ nyinaa sumina so adeɛ, na manya Kristo,
Saa nti, honto wiase nnoɔma a ɔya ho mu nyinaa ngu koraa: adwamammɔ, afideɛyɔ, sɛ bi ɔɔma n’akɔnnɔ ahyɛ ne so, akɔnnɔ bɔne ne adufudepɛ a ɔyɛ abosonsom.